Psalms 114

Twam dwom

1Bere a Israelfo fii Misraim na Yakob asefo fii ananafo asase so no,
2Yuda bɛyɛɛ Awurade nkurɔfo kronkron na Israel bɛyɛɛ ɔno ankasa agyapade.
3Ɛpo Kɔkɔɔ hui na oguanee.
Yordan nso gyaee teɛ.
4Mmepɔw huruhuruwii sɛ mmirekyi na nkoko nso huruhuruwii sɛ nguan mma.
5Dɛn na ɛbae na wo Po woreguan?
Na wo Yordan nso, woagyae teɛ?
6Mo mmepɔw nso, adɛn na muhuruhuruw sɛ mmirekyi?
Na mo nkoko, adɛn nti na muhuruhuruw sɛ nguan mma?
7Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade ba no mu wɔ Yakob Nyankopɔn anim,
8ɔno a ɔma abotan dan nsubura na abo dan nsuwa no.
Copyright information for TwiNAK